2 Corinthians 3

Mo gyidi boa asɛnka no

1Eyi kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio anaa? Nkrataa a edi adanse pa a efi yɛn nkyɛn anaasɛ ɛreba mo nkyɛn no ho hia yɛn sɛnea ebi ho hia nnipa afoforo bi no. 2Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔakyerɛw wɔ yɛn koma mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu na wakan. 3Ɛyɛ nokware sɛ Kristo no ankasa na ɔkyerɛw saa krataa yi ɛnna ɔde somaa yɛn. Ɛnyɛ kyerɛwduru na wɔde kyerɛw no ɔbo pon so na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde kyerɛw guu nnipa koma mu.

4Yɛka eyi, efisɛ, yɛnam Kristo so wɔ gyidi wɔ Onyankopɔn mu. 5Biribiara nni yɛn mu a ebetumi ama yɛasi yɛn bo aka se yebetumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no fi Onyankopɔn. 6Ɔno na ɛnam ne so nti yetumi som apam foforo no a ɛnyɛ mmara a wɔakyerɛw na mmom Honhom. Mmara a wɔkyerɛw no de owu brɛ yɛn nanso Honhom no ma yɛn nkwa.

Kristo anuonyam foforo

7Bere a wɔde mmara a wɔkyerɛw no ɔbo pon so rema no, Onyankopɔn anuonyam daa adi. Ɛwom sɛ Mose anim hyerɛn a ɛhyerɛnee no dumii nanso na ano yɛ den ara kosi sɛ Israelfo no antumi anhwɛ nʼanim. Na saa mmara a ɛde owu ba de saa anuonyam no na ɛnam a, 8anuonyam bɛn na adwuma a efi Honhom mu no rennya. 9Dwuma a wobuu nnipa fɔ wɔ mu no yɛ anuonyam de. Anuonyam bɛn na dwuma a wobuu nnipa bem wɔ mu no rennya! 10Yebetumi aka se esiane sɛ nnɛ yi anuonyam no di mu yiye no nti, anuonyam a na edi mu mmere bi a atwam no kɔ. 11Na sɛ na anuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛ mu a, anuonyam bɛn na ade a ɛte hɔ daa no rennya.

12Esiane sɛ yɛwɔ saa anidaso yi nti, yɛwɔ akokoduru. 13Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkatanim kataa nʼanim sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no renhu nʼanim hyerɛn no pa a ɛrepa na ayera no. 14Na wɔn adwene mu nnɔ, na ebesi nnɛ yi, sɛ wɔkenkan apam dedaw nhoma no a, saa nkatanim no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkatanim no befi hɔ no, gye sɛ onipa de ne ho ma Kristo. 15Ebesi nnɛ, bere biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkatanim no da so kata wɔn adwene so.

16Nanso ebetumi afi hɔ sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Mose de ne ho maa Awurade no, na ne nkatanim no fii hɔ.” 17Kenkansɛm yi mu “Awurade” no yɛ Honhom, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ. 18Yɛn a nkatanim biara nkata yɛn anim no gyina hɔ ma Awurade anuonyam na saa anuonyam no ara bi fi Awurade a ɔyɛ Honhom no, sesa yɛn ma yɛkɔ ne tebea mu ma yɛnam so nya anuonyam a ɛkorɔn yiye.

Copyright information for TwiNAK